18 Na nokorɛ Nyankopɔn fie anwenneɛ+ nyinaa, akɛseɛ+ ne nketewa, ne Yehowa fie akoradeɛ+ ne ɔhene ne ne mpanimfoɔ akoradeɛ+ nso, ɔde ne nyinaa kɔɔ Babilon.
16 Asɔfoɔ ne ɔman yi nyinaa nso, meka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Deɛ Yehowa aka nie, ‘Mo adiyifoɔ a wɔhyɛ nkɔm kyerɛ mo sɛ: “Hwɛ, wɔde Yehowa anwenneɛ no bɛfiri Babilon aba nnansa yi ara”+ no, monntie wɔn nsɛm no, ɛfiri sɛ nkɔntorɔ na wɔhyɛ mo.+
19 Na asɛn+ ne egya nkukuwa ne nyaawa+ ne deɛ wɔde sesa nsõ ne nkaneadua+ ne nkuruwa ne afɔrebɔ nyaawa a wɔde sika+ amapa ayɛ ne deɛ wɔde dwetɛ amapa+ ayɛ no, awɛmfoɔ so panin no sesa kɔeɛ.+
2 Berɛ bi akyi no, Yehowa de Yuda hene Yehoiakim ne nokorɛ Nyankopɔn fie anwenneɛ+ no bi hyɛɛ ne nsa,+ na ɔde kɔɔ ne nyame fie wɔ Sinar+ asase so, na ɔde anwenneɛ no kɔguu ne nyame adekoradan mu.+