24 Na wuram nnua nyinaa bɛhunu sɛ me Yehowa+ na mabrɛ dua tenten no aseɛ,+ na mama dua a ɛwɔ fam so;+ mama dua mono awu,+ na mama duawuiɛ afefɛ. Me Yehowa na maka, na mayɛ nso.”’”+
17 Awɛmfoɔ+ ahyɛdeɛ so na asɛm yi ba, na akronkronfoɔ asɛm so na atemmuo yi gyina na ama ateasefoɔ ahunu sɛ Ɔsorosoroni no na ɔdi adasamma ahennie so tumi,+ na obiara a ɔpɛ no, ɔde ma no,+ na nnipa mu ketewa koraa na ɔde no si soɔ.”+
35 Na asase sotefoɔ nyinaa nsɛ hwee,+ na ɔyɛ deɛ ɔpɛ wɔ ɔsoro asafo ne asase sotefoɔ mu.+ Obiara nni hɔ a ɔbɛtumi abɔ ne nsa atwene+ anaa ɔbɛtumi aka akyerɛ no sɛ, ‘Ɛdeɛn na woreyɛ yi?’+