Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NWOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NWOMAKORABEA
Twi (Asante)
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NWOMA
  • ASAFO NHYIAMU
  • Yesaia 13:19
    Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
    • 19 Babilon yɛ ahemman animuonyam,+ afɛfɛdeɛ a Kaldeafoɔ de kyerɛ wɔn ho.+ Nanso ɛbɛyɛ sɛ berɛ a Onyankopɔn kaa Sodom ne Gomora butuiɛ no.+

  • Yesaia 14:4
    Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
    • 4 wɔbɛbu Babilon hene bɛ aka sɛ:

      “O, ɛyɛɛ dɛn na deɛ ɔka nkurɔfoɔ so kɔ adwuma yi agyaeɛ, na ɛyɛɛ dɛn na nhyɛsoɔ to atwa yi?+

  • Yesaia 45:1
    Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
    • 45 Asɛm a Yehowa aka akyerɛ Kores, deɛ wasra no,+ deɛ masɔ ne nsa nifa mu+ sɛ mɛbrɛ aman ase+ na masane ahemfo abɔsoɔ n’anim, na mabue apono a ɛbɔ ho mmienu ama no, na wɔanto kuro apono mu no nie:

  • Yeremia 50:3
    Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
    • 3 Na ɔman bi firi atifi fam aba ne so.+ Ama n’asase adane ahodwirideɛ na obi rentena mu.+ Nnipa ne afieboa nyinaa adwane.+ Wɔn nyinaa kɔ.”+

  • Yeremia 51:8
    Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
    • 8 Babilon ahwe ase mpofirem na wabubu.+ Montwa ne ho adwo.+ Ne yea nti, momma no balsam+ ngo, na ebia ne ho bɛtɔ no.”

  • Daniel 5:28
    Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
    • 28 “PERES, wɔakyɛ w’ahennie mu de ama Mediafoɔ ne Persiafoɔ.”+

  • Adiyisɛm 14:8
    Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
    • 8 Afei ɔbɔfoɔ foforɔ, deɛ ɔtɔ so mmienu, dii akyire kaa sɛ: “Wahwe ase! Babilon+ Kɛseɛ no ahwe ase,+ deɛ ɔmaa aman nyinaa nom n’adwamammɔ+ abufuo nsã+ no bie no!”

  • Adiyisɛm 18:2
    Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
    • 2 Na ɔde nne kɛseɛ teaam+ sɛ: “Wahwe ase! Babilon kɛseɛ no ahwe ase,+ na wabɛyɛ adaemone tenabea ne mframa+ fĩ biara atɛeɛ ne anomaa biara a ne ho nteɛ a ne ho yɛ abofono atɛeɛ!+

Twi Asante Nwoma Ahodoɔ (2012-2022)
Firi Mu
Kɔ Mu
  • Twi (Asante)
  • Fa Mane
  • Yɛ Nsakraeɛ a Wopɛ Wɔ Ha
  • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
  • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛeɛ
  • Sɛdeɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
  • Kyerɛ Sɛdeɛ Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
  • JW.ORG
  • Kɔ Mu
Fa Mane