9 Nanso nneɛma mmienu yi nyinaa bɛba wo so prɛko pɛ, da koro:+ Abawuo ne kunayɛ. Ɛbɛba wo so ahoɔden so,+ ɛfiri sɛ w’asumansɛm dɔɔso na wo kaberekyerɛ ano yɛ den dodo.+
2 Na ɔde nne kɛseɛ teaam+ sɛ: “Wahwe ase! Babilon kɛseɛ no ahwe ase,+ na wabɛyɛ adaemone tenabea ne mframa+ fĩ biara atɛeɛ ne anomaa biara a ne ho nteɛ a ne ho yɛ abofono atɛeɛ!+