Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NWOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NWOMAKORABEA
Twi (Asante)
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NWOMA
  • ASAFO NHYIAMU
  • Rut 3:7
    Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
    • 7 Ɛbaa sɛ berɛ a Boas adidi na wanom ama n’ani agye+ n’akomam no, ɔkɔdaa atokoɔ a wɔaboa ano no akyi. Na ɔbaa no yɛɛ brɛoo kɔyii ne nan ho ntoma daa hɔ.

  • 1 Samuel 25:36
    Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
    • 36 Akyire yi Abigail baa Nabal nkyɛn, na ɔbɛtoo sɛ wato pono wɔ fie sɛ ɔhene bi pono,+ na Nabal ani agye n’akomam, na wabo+ sei sram; na wanka asɛm ketewa anaa kɛseɛ bi ankyerɛ ne kunu kɔsii sɛ adeɛ kyeeɛ.

  • Ester 1:10
    Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
    • 10 Da a ɛtɔ so nson, berɛ a nsã ama ɔhene no ani agyeɛ no,+ ɔka kyerɛɛ Mehuman, Bista, Harbona,+ Bigta ne Abagta, Seta ne Karkas, ahemfie mpanimfoɔ nson a wɔsom+ Ɔhene Ahasweros no,

  • Dwom 104:15
    Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
    • 15 Wode nsã ma ɔdasani ma n’akoma ani gye,+

      Ne ngo a ɛma nnipa anim yɛ dɛhyɛdɛhyɛ,+

      Ne aduane a ɛwowa ɔdasani akoma.+

  • Ɔsɛnkafoɔ 2:3
    Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
    • 3 Mede m’akoma hwehwɛɛ mu de nsã gyee m’ani,+ nso mede nyansa kyerɛɛ m’akoma kwan,+ sɛ mɛsɔ nkwaseasɛm mu akɔsi sɛ mɛhunu adepa a ɛwɔ hɔ ma adasamma, deɛ wɔyɛ no ɔsoro ase wɔn nkwa nna nyinaa mu.+

  • Ɔsɛnkafoɔ 10:19
    Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
    • 19 Aduane ma adwumayɛfoɔ sere, na nsã nso ma asetena yɛ dɛ;+ nso sika na wɔde yɛ biribiara.+

Twi Asante Nwoma Ahodoɔ (2012-2022)
Firi Mu
Kɔ Mu
  • Twi (Asante)
  • Fa Mane
  • Yɛ Nsakraeɛ a Wopɛ Wɔ Ha
  • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
  • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛeɛ
  • Sɛdeɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
  • Kyerɛ Sɛdeɛ Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
  • JW.ORG
  • Kɔ Mu
Fa Mane