9 Adoniya de nnwan ne anantwie ne mmoa a wɔadɔ bɔɔ afɔdeɛ+ Sohelet botan a ɛbɛn En-Rogel+ no ho, na ɔfrɛɛ ne nuanom, ahenemma no nyinaa,+ ne Yuda mmarima a wɔyɛ ɔhene nkoa no nyinaa;
19 Ɔde anantwinini ne mmoa a wɔadɔ ne nnwan pii abɔ afɔdeɛ, na wafrɛfrɛ ahenemma no nyinaa+ ne ɔsɔfoɔ Abiatar+ ne ɔsahene Yoab,+ na w’akoa Solomon deɛ, wamfrɛ no.+
25 Ɛnnɛ wasiane kɔ sɛ ɔde anantwinini ne mmoa a wɔadɔ ne nnwan pii rekɔbɔ afɔdeɛ,+ na wafrɛfrɛ ahenemma no nyinaa ne asahene no ne ɔsɔfoɔ Abiatar;+ hwɛ, wɔredidi na wɔrenom wɔ n’anim, na deɛ wɔreka ara ne sɛ, ‘Ɔhene Adoniya nnya nkwa!’+