Genesis 34:7 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 7 Yakob mma no tee asɛm no ara pɛ na wɔfirii wuram baeɛ; na asɛm no yɛɛ wɔn ya na wɔn bo fuu dendeenden,+ ɛfiri sɛ na wayɛ aniwudeɛ atia Israel sɛ ɔne Yakob babaa ada,+ biribi a ɛnsɛ sɛ wɔyɛ koraa.+ Leviticus 19:17 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 17 “‘Nnya wo nua ho tan w’akomam.+ Yi wo yɔnko atɛn+ na woansoa ne bɔne no bi. Mmebusɛm 18:19 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 19 Onua a wɔafom no sene kuro a ɛyɛ den;+ na mansotwe te sɛ abankɛseɛ akyi mmeamu.+ Mmebusɛm 26:24 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 24 Ɔtamfo anom nsɛm nyi ne suban adi, na nnaadaa wɔ ne mu.+ Efesofoɔ 4:26 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 26 Mo bo mfu, nanso monnyɛ bɔne;+ mommma awia nnkɔtɔ mo so mo abufuo mu,+ 1 Yohane 3:15 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 15 Obiara a ɔtan+ ne nua no yɛ wudini,+ na monim sɛ wudini+ biara nni hɔ a daa nkwa te ne mu.+
7 Yakob mma no tee asɛm no ara pɛ na wɔfirii wuram baeɛ; na asɛm no yɛɛ wɔn ya na wɔn bo fuu dendeenden,+ ɛfiri sɛ na wayɛ aniwudeɛ atia Israel sɛ ɔne Yakob babaa ada,+ biribi a ɛnsɛ sɛ wɔyɛ koraa.+