2 Samuel
11 Na ɛbaa sɛ afe kɔ bɛhyiaeɛ,+ na berɛ a ahemfo firi kɔ ɔsa+ no, Dawid somaa Yoab a ne nkoa ka ne ho ne Israel nyinaa sɛ wɔnkɔsɛe Ammonfoɔ+ na wɔntwa Raba+ ho nhyia. Saa berɛ no, Dawid tenaa Yerusalem.
2 Ɛduruu anwummerɛ no, Dawid sɔre firii ne mpa so na ɔkɔnantenantee ahemfie no atifi.+ Ɔfiri ɛdan no atifi hɔ hunuu+ sɛ ɔbaa bi redware, na ɔbaa no ho yɛ fɛ yie.+ 3 Ɛnna Dawid soma kɔbisaa ɔbaa no ho asɛm,+ na obi kaa sɛ: “Ɛnyɛ Eliam*+ ba Bat-Seba,+ Hitini+ Uria+ yere no nie?” 4 Na Dawid somaa abɔfoɔ kɔfaa no.+ Enti ɔbaa ne nkyɛn,+ na ɔne no daeɛ+ berɛ a na ɔredwira ne ho afiri ne ho fĩguo mu.+ Na ɔsan kɔɔ ne fie.
5 Na ɔbaa no nyinsɛneeɛ, na ɔsoma kɔka kyerɛɛ Dawid sɛ: “Manyinsɛn.” 6 Ɛnna Dawid soma kɔɔ Yoab nkyɛn kɔka kyerɛɛ no sɛ: “Ma Hitini Uria mmra me nkyɛn.” Na Yoab maa Uria kɔɔ Dawid nkyɛn. 7 Berɛ a Uria duruu Dawid nkyɛn no, ɔbisaa no sɛdeɛ Yoab ne dɔm no ho teɛ, ne sɛdeɛ ɔsa no rekɔ soɔ. 8 Ɛnna Dawid ka kyerɛɛ Uria sɛ: “Kɔ wo fie kɔhohoro wo nan ho.”+ Enti Uria firii ahemfie hɔ kɔeɛ, na wɔde ɔhene akyɛdeɛ firi dii n’akyi. 9 Nanso Uria kɔdaa ahemfie pono ano, ɔne ne wura nkoa a aka no nyinaa, na wankɔ ne fie. 10 Na wɔka kyerɛɛ Dawid sɛ: “Uria ankɔ ne fie.” Ɛnna Dawid bisaa Uria sɛ: “Ɛnyɛ kwan na wofiri baeɛ? Adɛn nti na woankɔ wo fie?” 11 Na Uria ka kyerɛɛ Dawid sɛ: “Adaka+ no ne Israel ne Yuda tete asese mu, na me wura Yoab ne me wura nkoa+ abobɔ nsraban wɔ wuram, na me deɛ, menkɔ me fie nkɔdidi na mennom na me ne me yere nna anaa?+ Sɛ́ wote aseɛ na wo kra nso te aseɛ yi,+ merenyɛ adeɛ a ɛte saa!”
12 Ɛnna Dawid ka kyerɛɛ Uria sɛ: “Tena ha nnɛ nso, na ɔkyena mɛgya wo kwan ama woakɔ.” Enti Uria tenaa Yerusalem saa da no ne n’adekyeeɛ. 13 Na Dawid san frɛɛ no bio maa ɔbɛdidi nomee n’anim, na ɔmaa no boroeɛ.+ Nanso anwummerɛ no, ɔfirii adi kɔdaa ne mpa so, ɔne ne wura nkoa, na wankɔ ne fie. 14 Adeɛ kyee anɔpa no, Dawid twerɛɛ krataa+ de hyɛɛ Uria nsam sɛ ɔmfa nkɔma Yoab. 15 Ɔtwerɛɛ no krataa no mu sɛ:+ “Momma Uria nkɔgyina baabi a ɛko no mu yɛ den paa,+ na montwe mo ho mfiri n’akyi, na wɔmmɔ no mma no nwu.”+
16 Berɛ a Yoab rehwɛ kuro no, ɔmaa Uria kɔgyinaa baabi a ɔnim sɛ nnɔmmarima wɔ.+ 17 Berɛ a kuro no mu mmarima firii adi ne Yoab bɛkoeɛ no, dɔm a wɔyɛ Dawid nkoa no bi totɔeɛ, na Hitini Uria nso wuiɛ.+ 18 Ɛnna Yoab somaa sɛ wɔnkɔka ɔsa no mu nsɛm nyinaa nkyerɛ Dawid. 19 Na ɔhyɛɛ ɔbɔfoɔ no sɛ: “Sɛ woka ɔsa no mu nsɛm nyinaa kyerɛ ɔhene wie, 20 na sɛ ɔhene bo fu, na ɔbisa wo sɛ, ‘Adɛn nti na mobɛn kuro no saa kɔkoeɛ? Ná monnim sɛ wɔbɛfiri ɔfasuo no so atoto agyan awowɔ mo anaa? 21 Hwan na ɔbɔɔ Yerubeset+ ba Abimelek+ kum no? Ɛnyɛ ɔbaa na ɔfiri ɔfasuo so too oyuyammoɔ bɔɔ no+ maa no wuu wɔ Tebes?+ adɛn nti na mobɛn ɔfasuo no saa?’ a, wo nso ka sɛ, ‘W’akoa Uria, Hitini no nso awu.’”+
22 Enti ɔbɔfoɔ no siim kɔeɛ, na ɔkɔkaa asɛm a Yoab de somaa no no nyinaa kyerɛɛ Dawid. 23 Ɔbɔfoɔ no ka kyerɛɛ Dawid sɛ: “Mmarima no ho yɛɛ den senee yɛn; wɔfiri baa yɛn so wuram hɔ, na yɛtu sãã wɔn ara kɔduruu kuro pono no ano. 24 Na agyantofoɔ no firi ɔfasuo no so toto+ baa wo nkoa so, na ɔhene nkoa no bi wuwuiɛ, na w’akoa Uria, Hitini no nso awu.”+ 25 Ɛnna Dawid ka kyerɛɛ ɔbɔfoɔ no sɛ: “Sei na kɔka kyerɛ Yoab, ‘Mma asɛm yi nnyɛ w’ani so bɔne, na nkrantɛ twa+ benkum twa nifa. Ma wo ko no mu nyɛ den wɔ kuro no so, na dwiri gu.’+ Na hyɛ no den.”
26 Na Uria yere no tee sɛ ne kunu Uria awu, na ɔsuu+ ne wura.+ 27 Berɛ a ɔgyam+ no wieeɛ no, ntɛm ara na Dawid soma kɔfaa no baa ne fie, na ɔbɛyɛɛ ne yere.+ Na ɔwoo ɔbabarima maa no. Nanso adeɛ a Dawid yɛeɛ no ansɔ+ Yehowa ani.+