Exodus 20:14 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 14 “Nsɛe awareɛ.+ Leviticus 18:20 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 20 “‘Mfa wo ho nsuo mma wo yɔnko yere na mo ho angu fĩ.+ Leviticus 20:10 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 10 “‘Ɔbarima a ɔne ɔbarima foforɔ yere bɛsɛe awareɛ, kyerɛ sɛ ɔne ne yɔnko yere bɛda+ no, wɔnku no. Wɔnku ɔbarima ne ɔbaa awaresɛefoɔ no nyinaa.+ Deuteronomium 22:22 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 22 “Sɛ wɔhunu sɛ ɔbarima bi ne obi yere ada a,+ ɛsɛ sɛ wɔn mmienu wuo, ɔbarima a ɔyɛɛ saa no ne ɔbaa no nyinaa.+ Yɛ saa fa yi adebɔne firi Israel.+ Mmebusɛm 6:32 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 32 Obiara a ɔne ɔbaa sɛe awareɛ no nni ti;*+ deɛ ɔyɛ saa no sɛe ɔno ara ne kra.+ Hebrifoɔ 13:4 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 4 Mo nyinaa, momma awareɛ ho mmra nyam, na monngu awareɛ mpa ho fĩ,+ ɛfiri sɛ Onyankopɔn bɛbu adwamammɔfoɔ ne awaresɛefoɔ atɛn.+ Yakobo 1:15 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 15 Afei sɛ akɔnnɔ no nyinsɛn a, ɛwo bɔne;+ na bɔne no nso nyini a, ɛwo owuo.+
10 “‘Ɔbarima a ɔne ɔbarima foforɔ yere bɛsɛe awareɛ, kyerɛ sɛ ɔne ne yɔnko yere bɛda+ no, wɔnku no. Wɔnku ɔbarima ne ɔbaa awaresɛefoɔ no nyinaa.+
22 “Sɛ wɔhunu sɛ ɔbarima bi ne obi yere ada a,+ ɛsɛ sɛ wɔn mmienu wuo, ɔbarima a ɔyɛɛ saa no ne ɔbaa no nyinaa.+ Yɛ saa fa yi adebɔne firi Israel.+
4 Mo nyinaa, momma awareɛ ho mmra nyam, na monngu awareɛ mpa ho fĩ,+ ɛfiri sɛ Onyankopɔn bɛbu adwamammɔfoɔ ne awaresɛefoɔ atɛn.+