55 Berɛ a Saul hunuu sɛ Dawid refiri adi akɔhyia Filistini no, ɔbisaa ɔsahene Abner+ sɛ: “Abner, hwan+ ba ne aberantewaa yi?”+ Na Abner kaa sɛ: “O ɔhene, sɛ́ wo kra te aseɛ yi, mennim!”
3 Nanso Dawid kaa ntam kaa ho,+ na ɔkaa sɛ: “Wo papa nim sɛ manya w’anim adom,+ enti ɔbɛka sɛ, ‘Mommma Yonatan nnhunu yei, anyɛ saa a, ɛbɛyɛ no ya.’ Nanso, sɛ́ Yehowa te aseɛ+ na wo kra nso te aseɛ yi,+ nammɔn pɛ na ɛda me ne owuo ntam!”+
26 Enti me wura, sɛ́ Yehowa te aseɛ+ na wo kra nso te aseɛ yi,+ Yehowa ayi wo afiri mu+ na woammɛdi mogya ho fɔ,+ sɛ wode wo ara wo nsa bɛtɔ werɛ.+ Na ma w’atamfo ne wɔn a wɔpɛ me wura bɔne no nyɛ sɛ Nabal.+
19 Na ɔhene bisaa sɛ: “Yoab+ nsa wɔ yei nyinaa mu anaa?”+ Ɛnna ɔbaa no buaa sɛ: “O me wura ɔhene, sɛ́ wo kra te aseɛ yi,+ deɛ me wura ɔhene aka nyinaa, obiara ntumi nnane mfiri ho nkɔ nifa anaa benkum; ɛyɛ w’akoa Yoab na ɔhyɛɛ me, na ɔno na ɔde nsɛm yi nyinaa hyɛɛ w’afenaa anom.+