1 Samuel
20 Na Dawid dwane+ firii Naiot wɔ Rama, na ɔbaa Yonatan anim bɛkaa sɛ: “Ɛdeɛn na mayɛ?+ M’amumuyɔ ne sɛn, na bɔne bɛn koraa na mayɛ wo papa a enti ɔrehwehwɛ me kra yi?” 2 Ɛnna ɔno nso ka kyerɛɛ no sɛ: “Ɛmpare wo!+ Worenwu. Hwɛ! Me papa renyɛ ade kɛseɛ anaa ade ketewa bi, gye sɛ wayi me asotire.+ Adɛn nti na me papa de asɛm yi bɛhunta me?+ Ɛremma saa da.” 3 Nanso Dawid kaa ntam kaa ho,+ na ɔkaa sɛ: “Wo papa nim sɛ manya w’anim adom,+ enti ɔbɛka sɛ, ‘Mommma Yonatan nnhunu yei, anyɛ saa a, ɛbɛyɛ no ya.’ Nanso, sɛ́ Yehowa te aseɛ+ na wo kra nso te aseɛ yi,+ nammɔn pɛ na ɛda me ne owuo ntam!”+
4 Na Yonatan ka kyerɛɛ Dawid sɛ: “Deɛ wo kra bɛka biara mɛyɛ ama wo.” 5 Ɛnna Dawid ka kyerɛɛ Yonatan sɛ: “Hwɛ! Ɔkyena yɛ bosome foforɔ,+ na ɛsɛ sɛ me ne ɔhene tena ase didie, nanso gya me kwan ma menkɔ na memfa me ho nkɔhunta+ wuram nkɔsi da a ɛtɔ so mmiɛnsa no anwummerɛ. 6 Sɛ wo papa hunu sɛ menni hɔ a, ka sɛ, ‘Dawid srɛɛ me kwan sɛ ɔretu mmirika akɔ ne kurom Betlehem,+ ɛfiri sɛ abusua no nyinaa afirinhyia afɔrebɔ bi wɔ hɔ.’+ 7 Sɛ ɔka sɛ, ‘Ɛnyɛ hwee!’ a, ɛnneɛ na ɛyɛ asomdwoeɛ ma w’akoa. Na sɛ ne bo fu a, ɛnneɛ hunu sɛ wadwene me ho bɔne.+ 8 Na yɛ w’akoa adɔeɛ,+ ɛfiri sɛ Yehowa apam+ na wo ne w’akoa ayɛ. Nanso sɛ amumuyɔ bi wɔ me mu+ a, wo ara ku me, na adɛn nti na ɛsɛ sɛ wode me hyɛ wo papa nsa?”
9 Ɛnna Yonatan kaa sɛ: “Ɛmpare wo! Sɛ mehunu sɛ me papa anya adwene sɛ ɔbɛyɛ wo bɔne a, merenka nkyerɛ wo anaa?”+ 10 Na Dawid ka kyerɛɛ Yonatan sɛ: “Sɛ wo papa ka asɛmmɔne bi kyerɛ wo a, hwan na ɔbɛka akyerɛ me?” 11 Ɛnna Yonatan ka kyerɛɛ Dawid sɛ: “Wo deɛ, bra ma yɛmfiri adi nkɔ wuram.” Enti wɔn mmienu firii adi kɔɔ wuram. 12 Na Yonatan ka kyerɛɛ Dawid sɛ: “Yehowa, Israel Nyankopɔn+ nyɛ ɔdanseni+ sɛ, ɔkyena anaa ɔkyena akyi saa berɛ yi, mɛhwɛ me papa adwene, na sɛ ɔwɔ Dawid ho adwempa a, mɛsoma aba wo nkyɛn abɛyi wo asotire. 13 Na sɛ ɛsɔ me papa ani sɛ ɔbɛyɛ wo bɔne, na manyi wo asotire, na mannya wo kwan amma woankɔ asomdwoeɛ mu a, Yehowa ntua Yonatan ka na ɔmfa bi nka ho.+ Yehowa nni w’akyi+ sɛdeɛ ɔdii me papa akyi no.+ 14 Na wo, sɛ mete ase+ a, ɛnyɛ Yehowa adɔeɛ na wobɛyɛ me, na manwu?+ 15 Nyi w’adɔeɛ mfiri me fie da biara da.+ Na sɛ Yehowa twa Dawid atamfo a wɔwɔ asase soɔ nyinaa gu a, 16 Yonatan din deɛ, mma wɔnntwa mmfiri Dawid fie.+ Ma Yehowa mmisa mfiri Dawid atamfo nsam.” 17 Enti Yonatan san kaa Dawid ntam, ɔdɔ a ɔdɔ no nti; sɛdeɛ ɔdɔ ɔno ara ne kra no, saa na ɔdɔɔ no.+
18 Na Yonatan ka kyerɛɛ no sɛ: “Ɔkyena yɛ bosome foforɔ,+ na wɔrenhu wo, ɛfiri sɛ w’adwa bɛda hɔ. 19 Ɛda a ɛtɔ so mmiɛnsa no, obiara bɛhunu sɛ wonni hɔ; na bra baabi a adwuma da no wokɔhuntaeɛ+ no, na tena boɔ yi ho. 20 Na mɛto agyan mmiɛnsa afa ho akɔ baabi a mede bɛkyerɛ no. 21 Na hwɛ! mɛsoma ɔsomfoɔ no sɛ, ‘Kɔhwehwɛ agyan no.’ Sɛ meka kyerɛ ɔsomfoɔ no sɛ, ‘Hwɛ! Agyan no wɔ wo nkyɛn hɔ na sesa bra’ a, ɛnneɛ bra, ɛfiri sɛ sɛ́ Yehowa te aseɛ yi,+ ɛkyerɛ sɛ asomdwoeɛ wɔ hɔ ma wo, na asɛm biara nni hɔ. 22 Nanso sɛ meka kyerɛ abɔfra no sɛ, ‘Hwɛ! Agyan no wɔ nohoa’ a, ɛnneɛ kɔ, ɛfiri sɛ Yehowa agya wo kwan. 23 Na asɛm a yɛaka+ yi, deɛ me ne wo mmienu nyinaa aka yi, ma Yehowa ntena me ne wo ntam nkɔsi daa.”+
24 Ɛnna Dawid de ne ho kɔhuntaa wuram+ hɔ. Na bosome foforɔ duruiɛ no, ɔhene tenaa n’adwa so sɛ ɔrebɛdidi.+ 25 Ɔhene tenaa n’adwa so sɛdeɛ ɔyɛ daa no, adwa a ɛsi dan ho no, na Yonatan ne no tena dii nhwɛanimu, na Abner+ nso tenaa Saul nkyɛn. Dawid adwa no deɛ, na ɛda hɔ. 26 Na Saul anka hwee ɛda no, na ɔkaa ne tirim sɛ: “Ɛbɛyɛ sɛ biribi nti ne ho nte,+ ɛfiri sɛ ɔnnwiraa ne ho.” 27 Na ɛda a ɛdi bosome foforɔ no akyi, da a ɛtɔ so mmienu no, ná Dawid adwa no da hɔ ara. Enti Saul bisaa ne ba Yonatan sɛ: “Adɛn nti na nnora ne nnɛ nyinaa Yese+ ba no ammɛdidie?” 28 Ɛnna Yonatan buaa Saul sɛ: “Dawid srɛɛ me kwan sɛ ɔrekɔ Betlehem.+ 29 Ɔka kyerɛɛ me sɛ, ‘Mesrɛ wo, gya me kwan, ɛfiri sɛ yɛwɔ abusua afɔrebɔ wɔ kuro no mu, na me nua ahyɛ me sɛ memmra. Enti sɛ manya w’anim adom a, mesrɛ wo, ma memmɔ hwii nkɔ nkɔhwɛ me nuanom no.’ Ɛno nti na wamma ɔhene pono ho yi.” 30 Ɛnna Saul bo fuu+ Yonatan pii, na ɔka kyerɛɛ no sɛ: “Wo, abaawa tuatefoɔ ba.+ Menim sɛ woayi Yese ba no de rehyɛ wo ara wo ho ne wo maame+ adagya aniwuo. 31 Nna dodoɔ a Yese ba no da so te ase asase soɔ yi, wo ne w’ahennie rentim da.+ Enti soma ma wɔnkɔfa no mmrɛ me, ɛfiri sɛ ɔfata owuo.”+
32 Ɛnna Yonatan bisaa ne papa Saul sɛ: “Adɛn nti na ɛsɛ sɛ wɔku no?+ Ɛdeɛn na wayɛ?”+ 33 Ɛnna Saul too pea sɛ ɔde rewɔ no,+ na Yonatan hunuu sɛ ne papa asi ne bo sɛ ɔbɛku Dawid.+ 34 Ɛhɔ ara na Yonatan de abufuo+ sɔre firii pono no ho, na wannidi bosome foforɔ no da a ɛtɔ so mmienu no, ɛfiri sɛ Dawid asɛm no yɛɛ no ya,+ na ne papa guu n’anim ase.+
35 Na anɔpa no, Yonatan pue kɔɔ wuram baabi a Dawid ne no hyehyɛeɛ no,+ na ɔsomfoɔ kumaa bi kaa ne ho. 36 Ɛnna ɔka kyerɛɛ ne somfoɔ no sɛ: “Mesrɛ wo, tu mmirika na kɔhwehwɛ agyan a merebɛtoɔ+ no.” Na ɔsomfoɔ no tuu mmirika, na ɔno nso too agyan no traa no. 37 Berɛ a ɔsomfoɔ no kɔeɛ ara kɔduruu baabi a Yonatan too agyan no kɔguiɛ no, Yonatan teaam ɔsomfoɔ no akyi sɛ: “Ɛnyɛ w’anim nohoa na agyan no wɔ?”+ 38 Na Yonatan teaam ɔsomfoɔ no akyi sɛ: “Ma wo ho nyɛ ha! Yɛ no ntɛm! Nnyina faako!” Na Yonatan somfoɔ no tasee agyan no, na ɔbaa ne wura nkyɛn. 39 Ɔsomfoɔ no deɛ, na ɔnnim deɛ ɛrekɔ soɔ; Yonatan ne Dawid nko ara na na wɔnim asɛm no. 40 Ɛno akyi no, Yonatan de n’akodeɛ no maa ne somfoɔ no, na ɔka kyerɛɛ no sɛ: “Kɔ, fa kɔ kuro no mu.”
41 Na ɔsomfoɔ no kɔeɛ. Dawid deɛ, ɔsɔre firii nkyɛn hɔ baabi, anafoɔ fam baeɛ. Ɛnna ɔde n’anim butuu fam,+ na ɔbɔɔ ne mu ase mprɛnsa, na obiara fee ne yɔnko ano,+ na obiara sũũ ne yɔnko maa Dawid deɛ boroo so.+ 42 Na Yonatan ka kyerɛɛ Dawid sɛ: “Fa asomdwoeɛ kɔ,+ ɛfiri sɛ yɛn mmienu nyinaa aka ntam+ Yehowa din mu sɛ, ‘Yehowa ntena me ne wo ne m’asefoɔ ne w’asefoɔ ntam nkɔsi daa.’”+
Ɛnna Dawid sɔre siim kɔɔ ne kwan, na Yonatan nso kɔɔ kuro no mu.