2 Nanso Saul ba Yonatan deɛ, na ɔpɛ Dawid asɛm yie.+ Enti Yonatan ka kyerɛɛ Dawid sɛ: “Me papa Saul rehwehwɛ wo aku wo. Enti mesrɛ wo hwɛ wo ho yie anɔpa, na tena ahuntaeɛ mu baabi, na fa wo ho sie.+
5 Ɛnna Dawid ka kyerɛɛ Yonatan sɛ: “Hwɛ! Ɔkyena yɛ bosome foforɔ,+ na ɛsɛ sɛ me ne ɔhene tena ase didie, nanso gya me kwan ma menkɔ na memfa me ho nkɔhunta+ wuram nkɔsi da a ɛtɔ so mmiɛnsa no anwummerɛ.