Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NWOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NWOMAKORABEA
Twi (Asante)
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NWOMA
  • ASAFO NHYIAMU
  • Numeri 10:10
    Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
    • 10 “Sɛ moregye mo ani+ oo, morehyɛ fã+ oo, morefiri bosome foforɔ+ bi ase oo, monhyɛne ntotorobɛnto no ngu ɔhyeɛ+ ne asomdwoeɛ+ afɔdeɛ a mobɛbɔ no so. Moyɛ saa a, ɛbɛyɛ nkaeɛ adeɛ mo Nyankopɔn anim ama mo. Mene Yehowa mo Nyankopɔn.”+

  • Numeri 28:11
    Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
    • 11 “‘Na bosome no da a ɛdi kan no, momfa anantwinini nkumaa mmienu ne odwennini baako ne nnwammaa anini nson a wɔadi afe afe a wɔte apɔ mmɔ ɔhyeɛ afɔdeɛ mma Yehowa,+

  • 2 Ahemfo 4:23
    Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
    • 23 Ɛnna ne kunu bisaa sɛ: “Adɛn nti na worekɔ ne nkyɛn nnɛ? Ɛnnɛ nyɛ bosome foforɔ+ anaa homeda.” Nanso ɔbaa no kaa sɛ: “Ɛnyɛ hwee.”

  • 1 Berɛsosɛm 23:31
    Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
    • 31 wɔboa ma wɔbɔ ɔhyeɛ afɔdeɛ wɔ Yehowa anim daa homeda+ ne bosome foforɔ+ ne afahyɛ berɛ+ mu, dodoɔ a mmara kyerɛ sɛ wɔmmɔ mma Yehowa no.

  • 2 Berɛsosɛm 2:4
    Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
    • 4 me nso merebɛsi+ fie ama Yehowa me Nyankopɔn din+ na mate ho+ ahye aduhwam+ n’anim, na mede paanoo a wɔde kyerɛ daa,+ ne anɔpa ne anwummerɛ ɔhyeɛ afɔdeɛ+ ama no homeda homeda,+ ne bosome foforɔ,+ ne Yehowa yɛn Nyankopɔn afahyɛ berɛ+ mu. Yei na Israel bɛyɛ daa.+

  • Nehemia 10:33
    Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
    • 33 na wɔde adi nneɛma yi ho dwuma: paanoo a wɔde kyerɛ+ ne daa aduane afɔdeɛ+ ne daa ɔhyeɛ afɔdeɛ a wɔbɔ no home nna+ ne abosome foforɔ mu,+ ne afahyɛ ahodoɔ+ ne akronkronneɛ+ ne bɔne afɔdeɛ+ a wɔbɔ de pata ma Israel ne yɛn Nyankopɔn fie adwuma nyinaa.+

  • Kolosefoɔ 2:16
    Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
    • 16 Enti mommma obiara mmmu mo atɛn+ wɔ adidie ne ɔnom+ anaa afahyɛ+ anaa bosome foforɔ+ anaa homedadie ho;+

Twi Asante Nwoma Ahodoɔ (2012-2022)
Firi Mu
Kɔ Mu
  • Twi (Asante)
  • Fa Mane
  • Yɛ Nsakraeɛ a Wopɛ Wɔ Ha
  • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
  • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛeɛ
  • Sɛdeɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
  • Kyerɛ Sɛdeɛ Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
  • JW.ORG
  • Kɔ Mu
Fa Mane