Kolosefoɔ
2 Na mepɛ sɛ mohunu aperepereɛ+ kɛseɛ a meredi ma mo ne wɔn a wɔwɔ Laodikea+ ne wɔn a wɔnhunuu m’anim ɔhonam mu no nyinaa, 2 na ama wɔanya awerɛkyekyerɛ,+ sɛdeɛ ɛbɛyɛ a wɔde baakoyɛ bɛbom ɔdɔ+ mu na wɔanya ahonyadeɛ a ɛne wɔn nteaseɛ a ɛsi pi,+ na wɔanya Onyankopɔn ahuntasɛm kronkron a ɛne Kristo no ho nokorɛ nimdeɛ.+ 3 Ne mu na wɔakora ademudeɛ nyinaa, nyansa deɛ ne nimdeɛ deɛ.+ 4 Mereka yei na obi amfa adɛfɛdɛfɛsɛm annaadaa mo.+ 5 Na ɛwom sɛ menni hɔ honam mu deɛ, nanso me ne mo wɔ hɔ honhom mu,+ na m’ani agye na mahunu mo nhyehyɛeɛ pa+ ne mo gyidie pintinn+ wɔ Kristo mu.
6 Enti sɛdeɛ moagye Awurade Kristo Yesu no, monkɔ so nnante ne mu+ 7 nnye nhini,+ na wɔnto mo+ nsi ne so na montintim wɔ gyidie no mu,+ sɛdeɛ wɔkyerɛkyerɛɛ mo no, na mo gyidie aboro so aseda mu.+
8 Monhwɛ yie: anhwɛ a obi de nyansapɛ+ ne nnaadaa+ hunu a ɛgyina nnipa atetesɛm ne wiase mu nneɛma+ so a ɛnnyina Kristo so bɛfa+ mo nnommum; 9 ɛfiri sɛ nyamesu+ ayɛ mã+ wɔ ne nipadua mu. 10 Enti monam ɔno a ɔyɛ nnisoɔ ne tumidie nyinaa ti no so ayɛ mã.+ 11 Ɔno a mo ne no bɔeɛ+ no ama wɔatwa mo nso twetia+ a wɔamfa nsa na ɛtwaeɛ na mmom wɔyii honam nipadua+ no firii hɔ wɔ Kristo twetiatwa mu, 12 ɛfiri sɛ wɔsiee mo ne no wɔ n’asubɔ mu,+ na ɔno a mo ne no bɔeɛ no ama wɔanyane+ mo abom nso nam Onyankopɔn a ɔnyanee no firii awufoɔ mu+ no nnwuma+ mu gyidie a mowɔ so.+
13 Bio nso, ɛwom sɛ na moawu mo mfomsoɔ ne mo honam momonotoyɛ mu deɛ, nanso Onyankopɔn maa mo ne no baa nkwa mu bio.+ Ɔdom de yɛn mfomsoɔ nyinaa kyɛɛ yɛn,+ 14 na ɔpepaa+ nsaano ntwerɛdeɛ+ a ahyɛdeɛ+ wom a na ɛtia yɛn+ no firii hɔ; na wayi afiri kwan mu de abɔ+ asɛndua mu.+ 15 Ɔpaa nnisoɔ ne tumidie+ ahodoɔ no ho, na ɔde wɔn kyerɛɛ pefee wɔ badwam sɛ wadi wɔn so nkonim,+ na ɔnam asɛndua no so dii wɔn anim wɔ nkonimdie aperententuo+ mu.
16 Enti mommma obiara mmmu mo atɛn+ wɔ adidie ne ɔnom+ anaa afahyɛ+ anaa bosome foforɔ+ anaa homedadie ho;+ 17 na saa nneɛma no yɛ deɛ ɛreba no sunsum,+ na deɛ ɛdi mũ paa+ no yɛ Kristo dea.+ 18 Mommma obi nnyɛ mmma nkonimboɔ+ no mmmɔ mo,+ obi a ɔwɔ kraman ahobrɛaseɛ a ɔpɛ ɔsom a wɔde ma abɔfoɔ, deɛ “ɔgyina” nneɛma a ɔhunu mu na ne honam nsusuiɛ ma no yɛ ahomasoɔ a nteaseɛ nnim, 19 a ɔmmata tire+ no ho, deɛ nipadua nyinaa nam n’akwaa ntini ahodoɔ so nya deɛ ɛhia na ɛtoatoam wɔ koroyɛ mu,+ na ɛkɔ so nyini sɛdeɛ Onyankopɔn de ma no sɛ ɛnnyini no.+
20 Sɛ mo ne Kristo wuu+ wɔ wiase no mu nneɛma ho a,+ adɛn nti na moyɛ mo adeɛ sɛdeɛ moda so wɔ wiase na mode ahyɛdeɛ+ ahodoɔ yi to mo ho so bio sɛ: 21 “Monnsɔ mu, monnka nnhwɛ,+ na mommfa mo nsa nnka,”+ 22 wɔ nneɛma a wɔde ne nyinaa bɛyɛ adeɛ ama asɛeɛ ho, sɛdeɛ nnipa ahyɛdeɛ ne wɔn nkyerɛkyerɛ teɛ?+ 23 Saa nneɛma no nyinaa yɛ wɔn ara wɔn som mu adeɛ a nnipa anim no, ayɛ sɛ deɛ nyansa wom nanso ɛyɛ kraman ahobrɛaseɛ a ɛma wɔn ara wɔn nipadua mpo, wɔdi no nya;+ nanso tumi biara nnim a ɛbɛtumi ako atia honam akɔnnɔ.+