3 Me na megyina ha yi. Monka no Yehowa ne deɛ wasra no+ yi anim: Hwan nantwie anaa n’afunumu na magyeɛ,+ na hwan na masisi no anaa mahyɛ ne soɔ? Hwan nsam na magye adanmudeɛ de akata m’ani?+ Monka mma menhyɛ mo ananmu.”+
11 Hwɛ, me papa,+ hwɛ sɛ w’atadeɛ ngugusoɔ ano kura me nsam. Metwaa w’atadeɛ ngugusoɔ ano nanso manku wo. Hwɛ na hunu sɛ bɔne+ anaa atuateɛ bi nni me nsam, na menyɛɛ wo bɔne, nanso wo deɛ, woatɛ me kra pɛ sɛ woyi firi hɔ.+