1 Samuel 19:5 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 5 Ɔde ne kra too ne nsam+ kɔkum Filistini+ no maa Yehowa de nkonimdie kɛseɛ gyee+ Israel nyinaa. Wohunuiɛ, na wodii ahurisie. Ɛnneɛ adɛn nti na wopɛ sɛ woyɛ mogya a ɛdi bem bɔne, na wokum+ Dawid kwa?”+ Dwom 69:4 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 4 Wɔn a wɔtan me kwa no adɔɔso sene me tiri so nwi mpo.+Wɔn a wɔkyiri me kwa a wɔpɛ sɛ m’ano ka tom no adɔɔso.+Deɛ menwiaeɛ no, wɔama mahyɛ ananmu. Mmebusɛm 17:17 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 17 Ɔyɔnko berɛboɔ dɔ berɛ nyinaa;+ ɔyɛ onua a wɔwoo no maa ahohia da.+ Mmebusɛm 18:24 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 24 Ayɔnkofoɔ bi wɔ hɔ a wɔsɛe wɔn nnamfo,+ na adamfoɔ bi nso wɔ hɔ a ɔfam ho sene onua.+
5 Ɔde ne kra too ne nsam+ kɔkum Filistini+ no maa Yehowa de nkonimdie kɛseɛ gyee+ Israel nyinaa. Wohunuiɛ, na wodii ahurisie. Ɛnneɛ adɛn nti na wopɛ sɛ woyɛ mogya a ɛdi bem bɔne, na wokum+ Dawid kwa?”+
4 Wɔn a wɔtan me kwa no adɔɔso sene me tiri so nwi mpo.+Wɔn a wɔkyiri me kwa a wɔpɛ sɛ m’ano ka tom no adɔɔso.+Deɛ menwiaeɛ no, wɔama mahyɛ ananmu.