21 Nanso Itai buaa ɔhene sɛ: “Sɛ́ Yehowa te aseɛ na me wura ɔhene nso te aseɛ yi,+ baabiara a me wura ɔhene bɛkorɔ no, owuo mu oo, nkwa mu oo, ɛhɔ ara na w’akoa nso bɛkorɔ!”+
2 Ɛnna Elia ka kyerɛɛ Elisa sɛ: “Mesrɛ wo, tena ha, na Yehowa asoma me sɛ menkɔ Betel.” Nanso Elisa kaa sɛ: “Sɛ́ Yehowa te aseɛ+ na wo kra nso te aseɛ+ yi, merennya wo.”+ Enti wɔsiane kɔɔ Betel.+
10 Ampa ara, Yehowa ne Onyankopɔn.+ Ɔno ne Onyankopɔn teasefoɔ+ ne daa Hene.+ N’abufuhyeɛ nti, asase bɛwoso,+ na ɔman biara nni hɔ a ɛbɛgyina n’abohuro ano.+
16 Afei Ɔhene Sedekia kaa Yeremia ntam ahuntaeɛ mu sɛ: “Sɛ́ Yehowa a ɔbɔɔ yɛn kra+ yi te aseɛ yi, merenku wo, na meremfa wo nhyɛ mmarima a wɔrehwehwɛ wo kra no nsa.”+