1 Samuel
21 Akyire yi, Dawid kɔɔ ɔsɔfoɔ Ahimelek nkyɛn wɔ Nob.+ Berɛ a Ahimelek+ hunuu Dawid no, ne ho popoeɛ, na ɔbisaa no sɛ: “Adɛn nti na wo nko ara wonam na obiara nka wo ho yi?”+ 2 Ɛnna Dawid ka kyerɛɛ ɔsɔfoɔ Ahimelek sɛ: “Ɔhene na asoma me asɛm bi ho,+ na ɔka kyerɛɛ me sɛ, ‘Mma obiara nnhunu deɛ enti a meresoma woɔ ne ɛho ahyɛdeɛ a mede ama woɔ no ho hwee.’ Na me ne mmeranteɛ no ahyehyɛ sɛ yɛbɛhyia wɔ baabi. 3 Na afei, sɛ wowɔ paanoo nnum anaa biribi foforɔ biara a, mesrɛ wo fa ma me.”+ 4 Nanso ɔsɔfoɔ no buaa Dawid sɛ: “Menni paanoo hunu biara me nsam, gye paanoo kronkron+ no, sɛ mmeranteɛ no atwe wɔn ho afiri mmaa ho nko ara deɛ a.”+ 5 Ɛnna Dawid ka kyerɛɛ ɔsɔfoɔ no sɛ: “Yɛnkɔɔ mmaa ho sɛ kane a mekɔɔ ɔsa no ara;+ ɛkwan hunu a yɛtuiɛ no mpo ná mmeranteɛ no adeɛ ho te, na nnɛ a ɛsɛ sɛ wɔn adeɛ ho teɛ yi na ɛremma saa?” 6 Ɛnna ɔsɔfoɔ no de ade kronkron+ no maa no, ɛfiri sɛ na paanoo biara nni hɔ sɛ paanoo a wɔayi afiri Yehowa anim no;+ da a wɔde yie no, wɔyiyii na wɔde paanoo a wɔatõ no foforɔ guu hɔ.
7 Saa da no, na Saul nkoa no baako a wɔasianka+ no Yehowa anim wɔ hɔ; ná ne din de Doeg,+ Edomni+ a ɔyɛ Saul nnwanhwɛfoɔ so panin no.+
8 Na Dawid san bisaa Ahimelek sɛ: “Wonni biribiara te sɛ pea anaa nkrantɛ wɔ ha? Mamfa me nkrantɛ ne m’akodeɛ ankura, ɛfiri sɛ na ɛhia sɛ medi ɔhene asɛm no ho dwuma ntɛm.” 9 Ɛnna ɔsɔfoɔ no kaa sɛ: “Filistini Goliat+ a wokum no Ela asasetamaa+ soɔ no nkrantɛ no nie—ɛno na wɔde ntoma akyekyere ho wɔ asɔfotadeɛ+ no akyi no. Sɛ ɛno na wopɛ a, fa, ɛfiri sɛ foforɔ biara nni hɔ sɛ ɛno.” Na Dawid nso kaa sɛ: “Ɛso bi nni hɔ. Fa ma me.”
10 Na Saul nti, Dawid sɔre toaa so dwanee+ saa da no, na ɔkɔduruu Gat+ hene Akis nkyɛn. 11 Na Akis nkoa ka kyerɛɛ no sɛ: “Ɛnyɛ Dawid, asase no so hene+ no nie? Ɛnyɛ oyi na wɔde asa bɔ gyee ne so+ sɛ,
‘Saul akum n’apem,
Na Dawid akum ne pedu’+ no?”
12 Na Dawid de nsɛm yi siee n’akoma mu, na Gat hene Akis nti, ɔsuroo+ pii. 13 Enti ɔyɛɛ ne ho sɛ bɔdamfoɔ+ wɔn anim+ dii abɔdansɛm wɔn nsam, na ɔsensanee kuro apono no ho, na ɔmaa ne ntasuo siane faa n’abɔdwesɛ mu. 14 Ɛnna Akis ka kyerɛɛ ne nkoa no sɛ: “Hwɛ, moahunu sɛ ɔbarima yi abɔ dam, na ɛdeɛn nti na mode no abrɛ me? 15 Adɛn, mehia abɔdamfoɔ nti na mode oyi abrɛ me sɛ ɔmmɛyɛ abɔdansɛm nkyerɛ me yi? Oyi nso mmra me fie anaa?”