Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NWOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NWOMAKORABEA
Twi (Asante)
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NWOMA
  • ASAFO NHYIAMU
  • Yosua 11:22
    Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
    • 22 Wannya Anakimni biara wɔ Israelfoɔ asase so, gye Gasa+ ne Gat+ ne Asdod+ na ebi kaeɛ.+

  • 1 Samuel 5:8
    Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
    • 8 Enti wɔsoma kɔboaboaa Filistifoɔ ahemfo no nyinaa ano baa wɔn nkyɛn, na wɔbisaa sɛ: “Ɛdeɛn na yɛnyɛ Israel Nyankopɔn adaka no?” Ɛnna wɔkaa sɛ: “Momfa Israel Nyankopɔn adaka no nkɔ Gat.”+ Enti wɔde Israel Nyankopɔn adaka no kɔɔ hɔ.

  • 1 Samuel 17:4
    Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
    • 4 Na katakyie bi firi Filistifoɔ nsraban mu baeɛ; ne din de Goliat,+ a ɔfiri Gat,+ na ne tenten yɛ basafa nsia ne nsateakwaa nkron.+

  • 1 Samuel 27:2
    Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
    • 2 Enti Dawid sɔreeɛ, na ɔne mmarima ahansia+ a wɔka ne ho no twaam kɔɔ Maok ba Akis,+ Gat hene no hɔ.

  • 1 Ahemfo 2:39
    Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
    • 39 Na ɛbaa sɛ mfeɛ mmiɛnsa akyi no, Simei nkoa+ mmienu dwane kɔɔ Maaka ba Akis,+ Gat hene+ no nkyɛn. Ɛnna nkurɔfoɔ bɛka kyerɛɛ Simei sɛ: “Hwɛ, wo nkoa no wɔ Gat.”

  • 2 Ahemfo 12:17
    Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
    • 17 Saa berɛ no, Siria hene Hasael+ foro kɔɔ Gat+ so ne no kɔkoeɛ, na ɔgye faeɛ; ɛno akyi no, Hasael de n’ani+ sii Yerusalem so sɛ ɔne wɔn rebɛko.+

  • Dwom 56:atifi asɛm
    Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
    • Wɔde ma dwonkyerɛfoɔ sɛ wɔnto no “Aborɔnoma Mum” nne so, wɔn a wɔwɔ akyirikyiri no mu. Dawid dwom. Miktam;* berɛ a Filistifoɔ kyee no wɔ Gat+ no.

Twi Asante Nwoma Ahodoɔ (2012-2022)
Firi Mu
Kɔ Mu
  • Twi (Asante)
  • Fa Mane
  • Yɛ Nsakraeɛ a Wopɛ Wɔ Ha
  • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
  • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛeɛ
  • Sɛdeɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
  • Kyerɛ Sɛdeɛ Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
  • JW.ORG
  • Kɔ Mu
Fa Mane