4 Ɛnna Samuel yɛɛ deɛ Yehowa kaeɛ no. Berɛ a ɔduruu Betlehem+ a kuro no mu mpanimfoɔ hunuu no no, wɔn ho popoeɛ,+ enti wɔbisaa sɛ: “Asomdwoeɛ so na wobaeɛ anaa?”+
18 Na n’asomfoɔ no baako bɛkaa sɛ: “Hwɛ! Mahunu Betlehemni Yese ba bi a ɔnim bɔ yie;+ ɔyɛ ɔbarima kokoɔdurofoɔ a ne ho yɛ den+ ne ɔkofoɔ,+ ɔnim kasa,+ na ɔyɛ ɔbarima mũ,+ na Yehowa nso di n’akyi.”+