22 Akyire yi, odiyifoɔ+ no kɔɔ Israel hene nkyɛn kɔka kyerɛɛ no sɛ: “Kɔ na kɔhyɛ wo ho den,+ na hunu deɛ wobɛyɛ+ ɛfiri sɛ sɛ afe kɔ bɛhyia a, Siria hene bɛba wo so.”+
10 Na afe kɔ bɛhyiaeɛ+ no, Ɔhene Nebukadnesar soma+ maa wɔkɔfaa no baa Babilon,+ na wɔde Yehowa fie nneɛma a ɛsom boɔ kaa ne ho baeɛ.+ Na ɔde ne papa nua Sedekia+ sii Yuda ne Yerusalem so hene.+