Genesis 39:9 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 9 Obiara nni hɔ a ɔyɛ kɛseɛ sene me fie ha, na ɔmfa biribiara nkame me gye wo, ɛfiri sɛ woyɛ ne yere.+ Enti ɛbɛyɛ dɛn na matumi adi amumuyɔsɛm a ɛte sei na mayɛ bɔne atia Onyankopɔn?”+ Dwom 32:5 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 5 Mekaa me bɔne kyerɛɛ wo, na mankata me mfomsoɔ so+ bio.Mekaa sɛ: “Mɛka me mmarato akyerɛ Yehowa.”+Na wo nso wode me bɔne ne me mfomsoɔ firii me.+ Sela. Dwom 38:3 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 3 W’abufuo nti, me honam baabiara nnwo me.+Me bɔne nti, me nnompe mu nnwo me.+ Dwom 51:4 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 4 Wo nko ara na mayɛ wo bɔne;+Deɛ ɛnyɛ w’ani soɔ no, mayɛ.+Enti wodi bem wo kasa mu,+Na wo ho te, w’atemmuo mu.+ Mmebusɛm 28:13 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 13 Deɛ ɔkata ne mmarato soɔ no, ɛrensi no yie,+ na deɛ ɔka na ɔgyae no, wɔbɛhu no mmɔbɔ.+
9 Obiara nni hɔ a ɔyɛ kɛseɛ sene me fie ha, na ɔmfa biribiara nkame me gye wo, ɛfiri sɛ woyɛ ne yere.+ Enti ɛbɛyɛ dɛn na matumi adi amumuyɔsɛm a ɛte sei na mayɛ bɔne atia Onyankopɔn?”+
5 Mekaa me bɔne kyerɛɛ wo, na mankata me mfomsoɔ so+ bio.Mekaa sɛ: “Mɛka me mmarato akyerɛ Yehowa.”+Na wo nso wode me bɔne ne me mfomsoɔ firii me.+ Sela.
4 Wo nko ara na mayɛ wo bɔne;+Deɛ ɛnyɛ w’ani soɔ no, mayɛ.+Enti wodi bem wo kasa mu,+Na wo ho te, w’atemmuo mu.+