1 Samuel 14:15 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 15 Ɛnna ahopopoɔ+ sii nsraban no mu, wuram hɔ ne awɛmfoɔ dɔm no nyinaa soɔ, na afomfoɔ+ dɔm no mpo ho popoeɛ, na asase wosoeɛ+ maa no danee ahopopoɔ a ɛfiri Onyankopɔn hɔ.+ Hiob 9:6 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 6 Ɔma asase woso firi ne sibea,Na ne nnyinasoɔ+ hinhim. Dwom 68:8 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 8 Asase wosoeɛ,+Ɔsoro nso sosɔeɛ, Onyankopɔn nti;+Sinai yi nso wosoeɛ, Onyankopɔn,+ Israel Nyankopɔn nti.+ Nahum 1:5 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 5 Ɔno nti mmepɔ woso, na nkokoɔ nane.+ Asase bɛhunu n’anim abɔ birim, wiase ne emufoɔ nyinaa.+
15 Ɛnna ahopopoɔ+ sii nsraban no mu, wuram hɔ ne awɛmfoɔ dɔm no nyinaa soɔ, na afomfoɔ+ dɔm no mpo ho popoeɛ, na asase wosoeɛ+ maa no danee ahopopoɔ a ɛfiri Onyankopɔn hɔ.+
8 Asase wosoeɛ,+Ɔsoro nso sosɔeɛ, Onyankopɔn nti;+Sinai yi nso wosoeɛ, Onyankopɔn,+ Israel Nyankopɔn nti.+