Yesaia 1:9 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 9 Sɛ asafo Yehowa annya nkaefoɔ kakra amma yɛn a,+ anka yɛayɛ sɛ Sodom na yɛadane sɛ Gomora.+ Romafoɔ 11:4 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 4 Nanso ɛdeɛn na Onyankopɔn paee mu ka+ kyerɛɛ no? “Mama mmarima mpemnson aka ama me a wɔmmuu nkotodwe nkotoo Baal.”+ Romafoɔ 11:5 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 5 Enti saa ara na berɛ a yɛwom yi nso nkaefoɔ+ bi aba a wɔnam adom so ayi wɔn.+ 2 Timoteo 2:19 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 19 Yei nyinaa mu no, Onyankopɔn fapem a ɛyɛ den no da so ara gyina hɔ,+ na ɛwɔ nsɔano yi: “Yehowa nim wɔn a wɔyɛ ne deɛ”;+ afei nso: “Ma obiara a ɔbɔ Yehowa din+ no ntwe ne ho mfiri deɛ ɛntene ho.”+
4 Nanso ɛdeɛn na Onyankopɔn paee mu ka+ kyerɛɛ no? “Mama mmarima mpemnson aka ama me a wɔmmuu nkotodwe nkotoo Baal.”+
19 Yei nyinaa mu no, Onyankopɔn fapem a ɛyɛ den no da so ara gyina hɔ,+ na ɛwɔ nsɔano yi: “Yehowa nim wɔn a wɔyɛ ne deɛ”;+ afei nso: “Ma obiara a ɔbɔ Yehowa din+ no ntwe ne ho mfiri deɛ ɛntene ho.”+