Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NWOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NWOMAKORABEA
Twi (Asante)
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NWOMA
  • ASAFO NHYIAMU
  • Deuteronomium 7:26
    Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
    • 26 Mfa akyiwadeɛ biara mma wo fie na wɔansɛe wo anka abusudeɛ no ho. Ma no nyɛ wo tan na kyiri,+ ɛfiri sɛ ɛyɛ abusudeɛ a wɔbɛsɛe no pasaa.+

  • 2 Berɛsosɛm 7:14
    Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
    • 14 na sɛ me man+ a me din+ da wɔn soɔ no brɛ wɔn ho ase+ na wɔbɔ mpaeɛ+ hwehwɛ m’akyiri kwan,+ na wɔdane firi wɔn akwammɔne+ ho a, ɛnneɛ me nso mɛfiri ɔsoro atie+ na mede wɔn bɔne akyɛ+ wɔn, na masa wɔn asase yareɛ.+

  • 2 Berɛsosɛm 15:8
    Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
    • 8 Berɛ a Asa tee nsɛm yi ne odiyifoɔ Oded+ nkɔmhyɛ no ara pɛ, ɔhyɛɛ ne ho den, na ɔyii atantanneɛ+ no firii Yuda ne Benyamin asase nyinaa so ne nkuro a ɔgyee no Efraim mmepɔ soɔ+ no mu, na Yehowa afɔrebukyia a ɛsi Yehowa abantenten+ no anim no, ɔyɛɛ no foforɔ.

  • 2 Berɛsosɛm 33:15
    Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
    • 15 Na ɔyiyii ananafoɔ anyame+ ne bosom+ no firii Yehowa fie hɔ, na ɔyiyii afɔrebukyia+ a ɔsisii no Yehowa fie bepɔ so ne Yerusalem no nyinaa, na ɔmaa wɔkɔto guu kuro no akyi.

Twi Asante Nwoma Ahodoɔ (2012-2022)
Firi Mu
Kɔ Mu
  • Twi (Asante)
  • Fa Mane
  • Yɛ Nsakraeɛ a Wopɛ Wɔ Ha
  • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
  • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛeɛ
  • Sɛdeɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
  • Kyerɛ Sɛdeɛ Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
  • JW.ORG
  • Kɔ Mu
Fa Mane