48 Ɛnna Abimelek ne nnipa a wɔka ne ho no nyinaa kɔɔ Bepɔ Salmon+ so. Na Abimelek de akuma twaa duban bi de too ne kɔn ho, na ɔka kyerɛɛ wɔn a wɔka ne ho no sɛ: “Deɛ mayɛ a mo ani tua yi, monyɛ bi ntɛm, sɛdeɛ mayɛ no!”+
49 Enti nnipa no nyinaa twitwaa nnua mman de dii Abimelek akyi. Na wɔde bɛguu aban ase dan no ho de gya toom. Enti Sekem abankɛseɛ no mu nnipa nyinaa wuwuiɛ, mmarima ne mmaa bɛyɛ apem.+