-
Yosua 8:33Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
-
-
33 Afei Israelfoɔ nyinaa ne ɔman no mu mpanimfoɔ+ ne atitire ne atemmufoɔ, ahɔhoɔ ne kuromma+ nyinaa bɛgyinagyinaa Lewifoɔ asɔfoɔ a wɔsõ Yehowa apam adaka no+ anim, wɔ Adaka no benkum ne nifa so. Na nnipa no fã gyinaa Bepɔ Gerisim+ anim na ɛfã nso gyinaa Bepɔ Ebal+ anim maa wɔdii kan hyiraa+ Israelfoɔ, (sɛdeɛ Yehowa akoa Mose hyɛɛ wɔn no.)+
-