Yosua
8 Na Yehowa ka kyerɛɛ Yosua sɛ: “Nsuro na mmɔ hu.+ Fa asraafoɔ no nyinaa ka wo ho na monkɔ Ai, na mede Ai hene ne ne man ne ne kuro ne n’asase ahyɛ wo nsa.+ 2 Yɛ Ai ne ne hene sɛdeɛ woyɛɛ Yeriko ne ne hene no.+ Nanso kuro yi mu mmoa ne asadeɛ a aka deɛ, momfa.+ Ma nnipa bi nkɔtɛ kuro no akyi baabi.”+
3 Enti Yosua ne asraafoɔ+ no nyinaa sɔre de wɔn ani kyerɛɛ Ai, na Yosua yii mmarima akokoɔdurofoɔ+ mpem aduasa, na ɔgyaa wɔn kwan anadwo no. 4 Na ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Monkɔtɛ+ kuro no akyi. Monhwɛ na mo ne kuro no ntam antwe pii, na obiara nyɛ krado. 5 Me nso me ne nnipa a aka no nyinaa bɛtwe abɛn kuro no. Na sɛ ɛba sɛ wɔpue bɛhyia yɛn sɛdeɛ wɔyɛɛ kane no a,+ yɛbɛdwane afiri wɔn anim. 6 Ɛba saa a wɔbɛfiri adi atĩ yɛn akɔsi sɛ yɛbɛtwe wɔn afiri kuro no mu, na wɔbɛka sɛ, ‘Wɔredwane sɛdeɛ wɔyɛɛ kane no.’+ Na yɛn nso yɛbɛdwane afiri wɔn nkyɛn. 7 Afei mobɛfiri faako a mokɔtɛeɛ no abɔ awura kuro no mu; na Yehowa mo Nyankopɔn de bɛhyɛ mo nsa.+ 8 Na sɛ mofa kuro no a, momfa gya ntom,+ na monyɛ sɛdeɛ Yehowa aka no ara. Yei ne akwankyerɛ a mepɛ sɛ modi soɔ.”+
9 Ɛnna Yosua gyaa wɔn kwan maa wɔkɔtɛɛ Betel ne Ai ntam wɔ Ai atɔeɛ fam. Na Yosua daa nnipa a aka no nkyɛn anadwo no.
10 Na Yosua sɔree anɔpahema+ boaboaa nkurɔfoɔ no ano, na ɔne Israel mpanimfoɔ dii wɔn anim foro kɔɔ Ai. 11 Afei asraafoɔ+ a wɔka ne ho no foro kɔɔ kuro no anim kɔsoɛɛ Ai atifi fam, na na bɔn da wɔne Ai ntam. 12 Saa berɛ yi nyinaa na wayi mmarima bɛyɛ mpemnum sɛ wɔnkɔtɛ+ Betel+ ne Ai ntam, wɔ kuro no atɔeɛ fam. 13 Enti asraafoɔ no mu fã kɛseɛ kɔsoɛɛ kuro no atifi fam,+ na ebinom nso kɔtɛɛ atɔeɛ fam,+ na Yosua kɔɔ bɔn no mu anadwo no.
14 Berɛ a Ai hene hunuu saa no, ɔne ne man nyinaa, kuro no mu mmarima, sɔree ntɛm sɛ wɔne Israelfoɔ no rekɔko wɔ serɛ no so wɔ berɛ a wɔahyɛ mu. Nanso na ɔnnim sɛ ebinom akɔtɛ kuro no akyi.+ 15 Yosua ne Israelfoɔ no nyinaa yɛɛ wɔn ho sɛ deɛ wɔadi nkoguo,+ na wɔdwane de wɔn ani kyerɛɛ serɛ no so.+ 16 Na wɔfrɛɛ nnipa a wɔwɔ kuro no mu nyinaa maa wɔtĩĩ wɔn; enti wɔfirii kuro no mu bɛtĩĩ Yosua.+ 17 Ɔbarima biara anka Ai ne Betel a wankɔdi Israelfoɔ no akyi. Enti wɔgyaa kuro no ano too hɔ hahraa kɔtĩĩ Israelfoɔ no.
18 Afei Yehowa ka kyerɛɛ Yosua sɛ: “Tene pea a wokura no kyerɛ Ai so,+ ɛfiri sɛ mede bɛhyɛ wo nsa.”+ Enti Yosua tenee pea a ɔkura no kyerɛɛ kuro no so. 19 Berɛ a ɔtenee ne nsa no ara na wɔn a wɔakɔtɛ kuro no akyi no de mmirika bɔ wuraa kuro no mu.+ Na ntɛm ara na wɔde gya too kuro no mu.+
20 Na berɛ a Ai mmarima no danee wɔn ani hwɛɛ wɔn akyi no, wɔhunuu sɛ wisie firi kuro no mu ayɛ wiem kumɔnn, na na wɔntumi nnwane nkɔ benkum anaa nifa. Afei wɔn a wɔredwane kɔ serɛ soɔ no dane baa wɔn ataafoɔ no so. 21 Enti berɛ a Yosua ne Israelfoɔ no nyinaa hunuu sɛ wɔn a wɔkɔtɛeɛ+ no akɔfa kuro no na kuro no mu wisie ayɛ wiem kumɔnn no, wɔsanee wɔn akyi bɛto hyɛɛ Ai mmarima no so kunkum wɔn. 22 Na wɔn a wɔwɔ kuro no mu no nso bɛhyiaa wɔn. Enti na Israelfoɔ no fã wɔ wɔn anim na fã wɔ wɔn akyi, na wɔkaa wɔn hyɛɛ mfimfini kunkum wɔn nyinaa. Onipa baako mpo anka, na obiara nso antumi annwane.+ 23 Ai hene+ deɛ, wɔkyeree no animono brɛɛ Yosua.
24 Berɛ a Israelfoɔ kunkum Aifoɔ a wɔdii wɔn akyi kɔɔ serɛ soɔ na wɔn nyinaa totɔɔ nkrantɛ ano maa wɔsaeɛ no, Israelfoɔ nyinaa san kɔɔ Ai twee nkrantɛ too kuro no so. 25 Na da no, mmarima ne mmaa a wɔwuwuiɛ nyinaa yɛ mpem dumienu, Aifoɔ nyinaa. 26 Na Yosua amfa ne nsa a ɔde tenee pea+ no anto hɔ kɔsii sɛ ɔsɛee Aifoɔ nyinaa pasaa.+ 27 Kuro no mu mmoa ne asadeɛ foforɔ a aka na Israelfoɔ faeɛ, sɛdeɛ ahyɛdeɛ a Yehowa de maa Yosua no teɛ.+
28 Enti Yosua hyee Ai dwerɛbee maa no danee daa amamfõ sie+ de bɛsi nnɛ. 29 Na ɔsɛnee Ai+ hene no wɔ dua so kɔsii anwummerɛ,+ na berɛ a awia rekɔtɔ no, Yosua maa wɔyii ne funu firii dua no so+ kɔtoo kuro no pono ano, na wɔsoaa aboɔ pii guu ne so maa no yɛɛ esie kɛseɛ a ɛwɔ hɔ de bɛsi nnɛ.
30 Afei Yosua sii afɔrebukyia+ wɔ Bepɔ Ebal+ so maa Israel Nyankopɔn Yehowa, 31 sɛdeɛ Yehowa akoa Mose ka kyerɛɛ Israelfoɔ a wɔatwerɛ ho asɛm wɔ Mose mmara nwoma+ mu no sɛ: “Aboɔ amuamu a dadeɛ nkaeɛ+ na momfa nsi afɔrebukyia no.” Na wɔbɔɔ ɔhyeɛ afɔdeɛ ne asomdwoeɛ afɔdeɛ wɔ so maa Yehowa.+
32 Na ɔtwerɛɛ mmara a Mose twerɛɛ no Israelfoɔ anim+ no ntimu guu+ aboɔ no so. 33 Afei Israelfoɔ nyinaa ne ɔman no mu mpanimfoɔ+ ne atitire ne atemmufoɔ, ahɔhoɔ ne kuromma+ nyinaa bɛgyinagyinaa Lewifoɔ asɔfoɔ a wɔsõ Yehowa apam adaka no+ anim, wɔ Adaka no benkum ne nifa so. Na nnipa no fã gyinaa Bepɔ Gerisim+ anim na ɛfã nso gyinaa Bepɔ Ebal+ anim maa wɔdii kan hyiraa+ Israelfoɔ, (sɛdeɛ Yehowa akoa Mose hyɛɛ wɔn no.)+ 34 Ɛno akyi no, ɔkenkan mmara no+ mu nsɛm nyinaa, nhyira+ ne nnome,+ sɛdeɛ wɔatwerɛ no mmara nwoma no mu no. 35 Yosua annya asɛm a Mose kaeɛ no baako mpo a wankenkan ankyerɛ Israel asafo no nyinaa+ ne mmaa+ ne mmɔfra nkumaa+ ne ahɔhoɔ+ a wɔwɔ wɔn mu nyinaa.