Exodus 17:11 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 11 Deɛ ɛbaeɛ ne sɛ, sɛ Mose ma ne nsa so kɔ soro a, na Israelfoɔ no redi nkonim,+ na sɛ ɔgyaa ne nsa mu ba fam a, na Amalekfoɔ no redi nkonim. Yosua 8:7 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 7 Afei mobɛfiri faako a mokɔtɛeɛ no abɔ awura kuro no mu; na Yehowa mo Nyankopɔn de bɛhyɛ mo nsa.+ Yosua 8:26 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 26 Na Yosua amfa ne nsa a ɔde tenee pea+ no anto hɔ kɔsii sɛ ɔsɛee Aifoɔ nyinaa pasaa.+
11 Deɛ ɛbaeɛ ne sɛ, sɛ Mose ma ne nsa so kɔ soro a, na Israelfoɔ no redi nkonim,+ na sɛ ɔgyaa ne nsa mu ba fam a, na Amalekfoɔ no redi nkonim.