Deuteronomium 1:21 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 21 Hwɛ, Yehowa mo Nyankopɔn de asase no ama mo,+ enti monkɔfa sɛdeɛ Yehowa mo agyanom Nyankopɔn ka kyerɛɛ mo no.+ Monnsuro, na mommmɔ hu.’+ Deuteronomium 7:18 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 18 Nanso nsuro wɔn,+ na kae deɛ Yehowa wo Nyankopɔn yɛɛ Farao ne Egypt nyinaa.+ Deuteronomium 31:8 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 8 Yehowa di w’anim. Ɔka wo ho,+ ɔrempo wo, na ɔrennya wo. Enti nsuro na mmɔ hu.”+ Yosua 1:9 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 9 Adɛn, menhyɛɛ wo+ sɛ ma wo bo nyɛ duru na wo ho nyɛ den? Nsuro na mmɔ hu,+ ɛfiri sɛ baabi a wobɛkorɔ biara no, Yehowa wo Nyankopɔn ka wo ho.”+ Dwom 27:1 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 27 Yehowa ne me hann+ ne me nkwagyeɛ.+Hwan na mɛsuro no?+Yehowa ne me nkwa abandenden.+Hwan na me ho bɛpopo n’anim?+ Yesaia 12:2 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 2 Hwɛ, Onyankopɔn ne me nkwagyeɛ.+ Mewɔ ahotɔsoɔ na merensuro,+ ɛfiri sɛ Yah Yehowa ne m’ahoɔden+ ne me tumi,+ na ɔno ne me nkwagyeɛ.”+ Romafoɔ 8:31 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 31 Ɛnneɛ ɛdeɛn na yɛbɛka no yeinom ho? Sɛ Onyankopɔn wɔ yɛn afã a, hwan na ɔbɛtumi ne yɛn adi asie?+
21 Hwɛ, Yehowa mo Nyankopɔn de asase no ama mo,+ enti monkɔfa sɛdeɛ Yehowa mo agyanom Nyankopɔn ka kyerɛɛ mo no.+ Monnsuro, na mommmɔ hu.’+
9 Adɛn, menhyɛɛ wo+ sɛ ma wo bo nyɛ duru na wo ho nyɛ den? Nsuro na mmɔ hu,+ ɛfiri sɛ baabi a wobɛkorɔ biara no, Yehowa wo Nyankopɔn ka wo ho.”+
27 Yehowa ne me hann+ ne me nkwagyeɛ.+Hwan na mɛsuro no?+Yehowa ne me nkwa abandenden.+Hwan na me ho bɛpopo n’anim?+
2 Hwɛ, Onyankopɔn ne me nkwagyeɛ.+ Mewɔ ahotɔsoɔ na merensuro,+ ɛfiri sɛ Yah Yehowa ne m’ahoɔden+ ne me tumi,+ na ɔno ne me nkwagyeɛ.”+