15 Ɛnna Yosua ka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Sɛ woyɛ ɔman kɛseɛ a, ɛnneɛ kɔbu kwaeɛ a ɛwɔ Perisifoɔ+ ne Refaimfoɔ+ asase soɔ no fa, ɛfiri sɛ bepɔ so+ asase a ɛwɔ Efraim no sua ma wo.”
16 Na Yosef mma no kaa sɛ: “Bepɔ no sua ma yɛn, na Kanaanfoɔ a wɔte asasetamaa no soɔ nyinaa, wɔn a wɔte Bet-Sean+ ne ɛho nkuro mu ne Yesreel+ Bɔn mu no, wɔ nteaseɛnam+ a wɔde nnadeɛ ayɛ.”