Exodus 20:4 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 4 “Nyɛ ohoni* biara anaa biribi a ɛwɔ soro anaa asase so anaa deɛ ɛwɔ nsuo mu wɔ asase ase nsɛsoɔ biara mfa.+ Deuteronomium 4:16 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 16 Monhwɛ na moanyɛ asobrakyeɛ+ ankɔyɛ honi* anaa adeɛ biara nsɛsoɔ, ɔbarima anaa ɔbaa+ biara nsɛsoɔ, Deuteronomium 4:28 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 28 Ɛhɔ na mobɛsom anyame+ a onipa de ne nsa ayɛ, nnua ne aboɔ+ a ɛnhunu adeɛ na ɛnte asɛm na ɛntumi nnidie na ɛnte hwa biara.+ Asomafoɔ Nnwuma 17:29 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 29 “Enti, berɛ a yɛhunu sɛ yɛyɛ Onyankopɔn asefoɔ+ no, ɛnsɛ sɛ yɛsusu sɛ Tweaduampɔn+ no te sɛ sika anaa dwetɛ anaa ɛboɔ, anaa adwini bi a onipa de n’adwene adie anaa wabɔ ne tirim ayɛ.+ Romafoɔ 1:23 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 23 na wɔdanee Onyankopɔn a ɔmporɔ no animuonyam+ yɛɛ no sɛ onipa a ɔporɔ ne nnomaa ne ntɔteboa ne mmoa a wɔwea fam+ honi.+
4 “Nyɛ ohoni* biara anaa biribi a ɛwɔ soro anaa asase so anaa deɛ ɛwɔ nsuo mu wɔ asase ase nsɛsoɔ biara mfa.+
16 Monhwɛ na moanyɛ asobrakyeɛ+ ankɔyɛ honi* anaa adeɛ biara nsɛsoɔ, ɔbarima anaa ɔbaa+ biara nsɛsoɔ,
28 Ɛhɔ na mobɛsom anyame+ a onipa de ne nsa ayɛ, nnua ne aboɔ+ a ɛnhunu adeɛ na ɛnte asɛm na ɛntumi nnidie na ɛnte hwa biara.+
29 “Enti, berɛ a yɛhunu sɛ yɛyɛ Onyankopɔn asefoɔ+ no, ɛnsɛ sɛ yɛsusu sɛ Tweaduampɔn+ no te sɛ sika anaa dwetɛ anaa ɛboɔ, anaa adwini bi a onipa de n’adwene adie anaa wabɔ ne tirim ayɛ.+
23 na wɔdanee Onyankopɔn a ɔmporɔ no animuonyam+ yɛɛ no sɛ onipa a ɔporɔ ne nnomaa ne ntɔteboa ne mmoa a wɔwea fam+ honi.+