Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NWOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NWOMAKORABEA
Twi (Asante)
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NWOMA
  • ASAFO NHYIAMU
  • Exodus 20:5
    Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
    • 5 Nkoto wɔn na nsom wɔn,+ ɛfiri sɛ me Yehowa wo Nyankopɔn, meyɛ Onyankopɔn a mempɛ sɛ me ne obi bɛkyɛ ɔsom a mode ma me+ no. Na agyanom a wɔtan me deɛ, mede wɔn bɔne ho asotwe bɛba wɔn mma, wɔn mmanana, ne wɔn nanankansowanom mpo so;+

  • Deuteronomium 5:9
    Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
    • 9 Nkoto wɔn na nsom wɔn,+ ɛfiri sɛ me Yehowa wo Nyankopɔn, meyɛ Onyankopɔn a mempɛ sɛ me ne obi bɛkyɛ ɔsom a mode ma me no.+ Na agyanom a wɔtan me deɛ, mede wɔn bɔne ho asotwe ba wɔn mma ne wɔn mmanana ne wɔn nanankansowanom mpo so;+

  • Atemmufoɔ 2:19
    Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
    • 19 Nanso sɛ ɔtemmufoɔ no wu a, wɔdane wɔn ho kɔyɛ akyiwadeɛ a ɛsene deɛ wɔn agyanom ayɛ pɛn, na wɔkɔdi anyame foforɔ akyi som wɔn koto wɔn.+ Wɔansesa wɔn akwan na wɔannane amfiri wɔn nneyɛɛ bɔne no ho.+

  • 2 Berɛsosɛm 25:14
    Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
    • 14 Berɛ a Amasia kɔkunkum Edomfoɔ wieeɛ a ɔreba no, ɔfaa Seir mma anyame+ no baeɛ, na ɔde bɛsisii hɔ de yɛɛ n’anyame;+ wɔn na ɔkotoo wɔn,+ na wɔn na ɔhyee afɔrebɔdeɛ maa wɔn.+

  • Habakuk 2:19
    Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
    • 19 “‘Deɛ ɔka kyerɛ dua sɛ: “Nyane!” na ɔka kyerɛ ɛboɔ mum sɛ: “Sɔre! Ɔno na ɔbɛkyerɛ adeɛ”!+ no nnue. Hwɛ, wɔde sika ne dwetɛ na adura ho,+ na home biara nni mu.+

  • Adiyisɛm 9:20
    Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
    • 20 Nanso nnipa a aka a ɔhaw no ankunkum wɔn no ansakra amfiri wɔn nsa ano nnwuma ho,+ sɛdeɛ anka ɛbɛyɛ a wɔrensom adaemone+ ne sika ne dwetɛ+ ne kɔbere ne aboɔ ne dua ahoni a ɛntumi nhunu adeɛ, nte asɛm, na ɛntumi nnanteɛ no;+

Twi Asante Nwoma Ahodoɔ (2012-2022)
Firi Mu
Kɔ Mu
  • Twi (Asante)
  • Fa Mane
  • Yɛ Nsakraeɛ a Wopɛ Wɔ Ha
  • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
  • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛeɛ
  • Sɛdeɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
  • Kyerɛ Sɛdeɛ Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
  • JW.ORG
  • Kɔ Mu
Fa Mane