Exodus 25:21 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 21 Afei fa adanseɛ a mede bɛma woɔ no to Adaka no mu na fa mmuasoɔ+ no kata Adaka no so. Exodus 31:18 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 18 Afei berɛ a ɔne Mose kasa wiee wɔ Bepɔ Sinai soɔ no, ɔde Adanseɛ apono mmienu+ maa Mose, aboɔpono a Onyankopɔn de ne nsateaa+ atwerɛ soɔ.
18 Afei berɛ a ɔne Mose kasa wiee wɔ Bepɔ Sinai soɔ no, ɔde Adanseɛ apono mmienu+ maa Mose, aboɔpono a Onyankopɔn de ne nsateaa+ atwerɛ soɔ.