27 Yuda hene Ahasia+ hunuiɛ no, ɔdwane faa turo fie+ kwan no so. (Akyire yi Yehu tĩĩ no, na ɔkaa sɛ: “Ɔka ho! Mommɔ ɔno nso!” Enti wɔbɔɔ no piraa no berɛ a ɔte teaseɛnam mu rekɔ Gur a ɛbɛn Yibleam+ no. Ɔtoaa so ara kɔduruu Megido,+ na ɔwuu hɔ.+
22Na Yerusalemfoɔ de ne ba kumaa Ahasia*+ sii hene maa no dii n’adeɛ, (ɛfiri sɛ afomfoɔ dɔm a wɔne Arabiafoɔ+ baa nsraban no mu no kunkum mpanimfoɔ no nyinaa,)+ enti Yehoram ba Ahasia bɛdii Yuda so hene.