29 Enti Ɔhene Yehoram+ san n’akyi kɔsaa ne ho yareɛ wɔ Yesreel+ ɛfiri sɛ berɛ a ɔne Siria hene Hasael kɔkoeɛ no, Siriafoɔ no piraa no wɔ Rama. Na Yehoram ba, Yuda hene Ahasia+ kɔɔ sɛ ɔrekɔhwɛ Ahab ba Yehoram wɔ Yesreel, ɛfiri sɛ na ɔyare.
21 Ɛnna Yehoram kaa sɛ: “Siesie teaseɛnam no!”+ Enti ɔsiesiee ne ko teaseɛnam no maa no, na Israel hene Yehoram ne Yuda hene Ahasia+ tenatenaa wɔn ko nteaseɛnam mu. Wɔsiim sɛ wɔrekɔhyia Yehu, na wɔkɔtoo no Yesreelni Nabot+ asase no so.
22Na Yerusalemfoɔ de ne ba kumaa Ahasia*+ sii hene maa no dii n’adeɛ, (ɛfiri sɛ afomfoɔ dɔm a wɔne Arabiafoɔ+ baa nsraban no mu no kunkum mpanimfoɔ no nyinaa,)+ enti Yehoram ba Ahasia bɛdii Yuda so hene.