29 Enti Ɔhene Yehoram+ san n’akyi kɔsaa ne ho yareɛ wɔ Yesreel+ ɛfiri sɛ berɛ a ɔne Siria hene Hasael kɔkoeɛ no, Siriafoɔ no piraa no wɔ Rama. Na Yehoram ba, Yuda hene Ahasia+ kɔɔ sɛ ɔrekɔhwɛ Ahab ba Yehoram wɔ Yesreel, ɛfiri sɛ na ɔyare.
7 Nanso Onyankopɔn+ na ɔmaa Ahasia asehweɛ+ baeɛ berɛ a ɔkɔɔ Yehoram nkyɛn no. Ɔduruu hɔ no, ɔne Yehoram kɔɔ+ Nimsi+ banana Yehu+ a Yehowa asra+ no sɛ ɔntɔre Ahab fie ase+ no nkyɛn.