2 Mɛyɛ wo ɔman kɛseɛ, na mɛhyira wo ama wo din ayɛ kɛseɛ, na wobɛyɛ nhyira ama nkurɔfoɔ.+3 Mɛhyira wɔn a wɔhyira wo, na mɛdome obiara a ɔdome wo,+ na ɛkwan biara so asaase so mmusua nyinaa nam wo so bɛnya nhyira.”*+
43 ɛnneɛ firi ɔsoro, wo tenabea hɔ tie+ na yɛ ɔhɔhoɔ no abisadeɛ a ɔde ato w’anim nyinaa ma no, na ama asaase so aman nyinaa ahu wo din na wɔasuro wo+ sɛdeɛ wo man Israel suro wo no, na wɔahu sɛ wo din da efie a masi yi so.