21 Yei maa Yehowa asɛm a ɔde hyɛɛ Yeremia anom no baa mu+ kɔsii sɛ asase no tuaa ne home nna ho ka wieeɛ.+ Nna dodoɔ a ɛyɛɛ amamfõ no, ɛhomee ara kɔsii sɛ mfeɛ aduɔson duruiɛ.+
1Persia hene Kores+ afe a ɛdi kan mu no, sɛdeɛ ɛbɛyɛ a Yehowa asɛm a ɔnam Yeremia+ so kaeɛ no bɛba mu nti, Yehowa kanyan+ Persia hene Kores honhom, na ɔmaa wɔbɔɔ dawuro+ n’ahennie nyinaa mu, na wɔtwerɛɛ+ nso sɛ: