Esra 8:21 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 21 Ɛnna mekaa sɛ yɛnni mmuada wɔ Ahawa asuo ho, na yɛmmrɛ yɛn ho ase+ yɛn Nyankopɔn anim, na yɛmmisa no kwan pa+ a yɛde yɛn mma nkumaa+ ne yɛn nneɛma bɛfa soɔ. Ester 4:3 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 3 Ahemman+ no mu baabiara a wɔtee ɔhene asɛm ne ne mmara no, Yudafoɔ a wɔwɔ hɔ no dii awerɛhoɔ,+ na wɔdii mmuada+ suu pii. Wɔn mu pii dedaa nsõ+ mu de atweaatam+ yɛɛ wɔn kɛtɛ. Dwom 35:13 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 13 Me deɛ, berɛ a wɔyareeɛ no, mefiraa atweaatam,+Mede mmuada haa me kra,+Na me mpaebɔ san bɛguu me kokom.+ Dwom 69:10 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 10 Me kra suu mmuada mu,+Nanso ɛdanee ahohorabɔ maa me.+ Hesekiel 27:31 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 31 Wo nti, wɔbɛbɔ tikwa+ afirafira atweaatam+ na wɔn kra de awerɛhoɔ asu wo yayaaya.+
21 Ɛnna mekaa sɛ yɛnni mmuada wɔ Ahawa asuo ho, na yɛmmrɛ yɛn ho ase+ yɛn Nyankopɔn anim, na yɛmmisa no kwan pa+ a yɛde yɛn mma nkumaa+ ne yɛn nneɛma bɛfa soɔ.
3 Ahemman+ no mu baabiara a wɔtee ɔhene asɛm ne ne mmara no, Yudafoɔ a wɔwɔ hɔ no dii awerɛhoɔ,+ na wɔdii mmuada+ suu pii. Wɔn mu pii dedaa nsõ+ mu de atweaatam+ yɛɛ wɔn kɛtɛ.
13 Me deɛ, berɛ a wɔyareeɛ no, mefiraa atweaatam,+Mede mmuada haa me kra,+Na me mpaebɔ san bɛguu me kokom.+