Mateo 10:18 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 18 Na me nti, wɔbɛtwe mo akɔ amrado ne ahemfo anim,+ na ayɛ adanseɛ+ ama wɔne amanaman no. Mateo 24:9 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 9 “Ɛnna nkurɔfoɔ bɛyi mo ama ahohia+ na wɔaku+ mo, na me din nti+ aman nyinaa bɛtan+ mo. Yohane 16:2 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 2 Nkurɔfoɔ bɛtu mo afiri hyiadan mu.+ Nokwasɛm nie, dɔn no reba a obiara a ɔbɛku mo no bɛsusu sɛ ɔde resom Onyankopɔn.+ Adiyisɛm 2:10 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 10 Nsuro deɛ ɛrebɛto woɔ no.+ Hwɛ! Ɔbonsam+ de mo mu binom bɛgu afiase na ama wɔasɔ mo ahwɛ koraa,+ na mo ho bɛhiahia mo+ dadu. Di nokorɛ kɔsi owuo mu,+ na mɛma wo nkwa abotire.+ Adiyisɛm 12:17 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 17 Na ɔtweaseɛ no bo fuu ɔbaa no,+ na ɔne ɔbaa no asefoɔ a aka a wɔdi Onyankopɔn ahyɛdeɛ so na wɔkura Yesu ho adansedie+ adwuma mu no kɔkoeɛ. Adiyisɛm 16:6 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 6 ɛfiri sɛ wɔhwiee akronkronfoɔ ne adiyifoɔ mogya guiɛ,+ na woama wɔn mogya+ anom. Ɛsɛ wɔn.”+
2 Nkurɔfoɔ bɛtu mo afiri hyiadan mu.+ Nokwasɛm nie, dɔn no reba a obiara a ɔbɛku mo no bɛsusu sɛ ɔde resom Onyankopɔn.+
10 Nsuro deɛ ɛrebɛto woɔ no.+ Hwɛ! Ɔbonsam+ de mo mu binom bɛgu afiase na ama wɔasɔ mo ahwɛ koraa,+ na mo ho bɛhiahia mo+ dadu. Di nokorɛ kɔsi owuo mu,+ na mɛma wo nkwa abotire.+
17 Na ɔtweaseɛ no bo fuu ɔbaa no,+ na ɔne ɔbaa no asefoɔ a aka a wɔdi Onyankopɔn ahyɛdeɛ so na wɔkura Yesu ho adansedie+ adwuma mu no kɔkoeɛ.