3 Berɛ a ɔte Ngo Bepɔ soɔ no, asuafoɔ no baa ne nkyɛn kokoam bɛkaa sɛ: “Ka kyerɛ yɛn, berɛ bɛn na yeinom bɛba mu, na ɛdeɛn na ɛbɛyɛ wo mmaeɛ*+ ne berɛ a ɛwɔ hɔ yi awieeɛ ho sɛnkyerɛnne?”+
14 Enti ntɛm ara na meka kyerɛɛ no sɛ: “Me wura, wo na wonim.” Ɛnna ɔka kyerɛɛ me sɛ: “Yeinom na wɔfiri ahohiahia kɛseɛ+ no mu, na wɔahoro wɔn ntadeɛ ama no ayɛ fitaa+ Adwammaa no mogya+ mu.