25 Ne nhunumu nti, ɔbɛma nnaadaa akɔ so wɔ ne nsam.+ N’akoma mu nso, ɔbɛdi akokurokosɛm,+ na asomdwoeɛ berɛ mu,+ ɔbɛsɛe nnipa bebree. Na ɔbɛsɔre atia asafo ahemfo mu Safohene+ no, nanso ɔbɛbubu a ɛnyɛ obi nsa na ɛbɛbu no.+
4 Ɔyɛ ɔsɔretiafoɔ+ na ɔma ne ho so sene obiara a wɔfrɛ no “onyame” anaa biribi a wɔsom, na enti ɔtena ase Onyankopɔn asɔrefie, da ne ho adi badwam sɛ ɔyɛ onyame.+