Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NWOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NWOMAKORABEA
Twi (Asante)
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NWOMA
  • ASAFO NHYIAMU
  • Exodus 37:25-28
    Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
    • 25 Afei ɔde ɔkanto dua yɛɛ aduhwam afɔrebukyia.+ N’afã nnan nyinaa ɔyɛɛ no pɛpɛɛpɛ; ɔmaa ne tenten yɛɛ basafa baako, na ne tɛtrɛtɛ nso yɛɛ basafa baako; ɛfiri fam kɔsi soro nso yɛɛ basafa mmienu. Ɔyɛɛ ɛne ne mmɛn nyinaa boom.+ 26 Ɔde sika kɔkɔɔ amapa faa ho nyinaa, ne soro, nkyɛnkyɛn, ne ne mmɛn ho, na ɔde sika kɔkɔɔ totoo ano hyiaeɛ. 27 Afei baabi a ɔde sika kɔkɔɔ totoo ano hyiaeɛ no, ɔde sika kɔkɔɔ yɛɛ nkawa mmienu mmienu wɔ n’ase, ebi wɔ fã ha na ebi nso wɔ fã ha. Ɛno na na wɔde nnua no bɛhyehyɛ mu de asoa. 28 Ɛno akyi no, ɔde ɔkanto dua senee nnua nteaanteaa a wɔde bɛsoa, na ɔde sika kɔkɔɔ faa ho nyinaa.

Twi Asante Nwoma Ahodoɔ (2012-2022)
Firi Mu
Kɔ Mu
  • Twi (Asante)
  • Fa Mane
  • Yɛ Nsakraeɛ a Wopɛ Wɔ Ha
  • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
  • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛeɛ
  • Sɛdeɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
  • Kyerɛ Sɛdeɛ Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
  • JW.ORG
  • Kɔ Mu
Fa Mane