5 Afei fa sika kɔkɔɔ aduhwam afɔrebukyia+ no si ɔsom ntomadan no mu na ɛmmɛn baabi a Adanseɛ Adaka no wɔ no, na fa ntoma* sɛn ɔsom ntomadan no kwan ano.+
3 Ɔbɔfoɔ foforɔ bi bae, na na ɔkura aduhwam kyɛnsee a wɔde sika kɔkɔɔ ayɛ. Ɔbɛgyinaa afɔrebukyia no ho,+ na wɔmaa no aduhwam pii+ sɛ ɔmfa nka akronkronfoɔ nyinaa mpaebɔ ho, na ɔmfa mmɔ afɔreɛ wɔ sika kɔkɔɔ afɔrebukyia+ a ɛsi ahennwa no anim no so.