-
Exodus 30:1-5Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
-
-
30 “Fa ɔkanto dua yɛ afɔrebukyia+ a wɔbɛhye aduhwam wɔ so.+ 2 Ma n’afã nnan nyinaa nyɛ pɛ; ma ne tenten nyɛ basafa* baako, na ne tɛtrɛtɛ nso nyɛ basafa baako; ɛfiri fam kɔsi soro nso nyɛ basafa mmienu. Yɛ afɔrebukyia no ne ne mmɛn nyinaa bom.+ 3 Fa sika kɔkɔɔ amapa fa ho nyinaa; ne soro, nkyɛnkyɛn, ne ne mmɛn ho, na fa sika kɔkɔɔ toto ano hyia. 4 Afei baabi a wode sika kɔkɔɔ bɛtoto ano ahyia no, fa sika kɔkɔɔ yɛ nkawa mmienu mmienu wɔ n’ase, ebi wɔ fã ha na ebi nso wɔ fã ha. Ɛno na wɔde nnua no bɛhyehyɛ mu de asoa. 5 Nnua nteaanteaa no, fa ɔkanto dua sene, na fa sika kɔkɔɔ fa ho nyinaa.
-