8 Deɛ ɔka faa Lewi ho nie:+
“Wo Tumim ne wo Urim+ no yɛ deɛ ɔdi wo nokorɛ no dea;+
Ɔno na wosɔɔ no hwɛɛ wɔ Masa no.+
Wo ne no dii asie wɔ Meriba nsuo no ho.+
9 Ɔno na ɔka kyerɛɛ ne papa ne ne maame sɛ, ‘Mennim mo.’
Ne nuanom mpo ɔpoo wɔn,+
Na ne mma nso, wankɔgyina wɔn afã.
Ɔdii w’asɛm so,
Na ɔkuraa w’apam mu.+