-
Leviticus 10:6, 7Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
-
-
6 Ɛnna Mose ka kyerɛɛ Aaron ne ne mma a aka, Eleasar ne Itamar sɛ: “Monhwɛ na moannya mo tiri nwi basaa anaa moannsunsuane mo ntaadeɛ mu+ anni awerɛhoɔ, anyɛ saa a, mobɛwu, na Onyankopɔn bo bɛfu asafo no nyinaa. Wɔn a Yehowa de gya aku wɔn yi, mo nuanom Israelfoɔ nyinaa bɛsu wɔn. 7 Montena mmɛn ahyiaeɛ ntomadan no kwan ano; mommfiri hɔ nnkɔ baabiara na moanwu, ɛfiri sɛ Yehowa srango wɔ mo so.”+ Enti wɔyɛɛ deɛ Mose kaeɛ no.
-