-
Deuteronomium 4:15-18Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
-
-
15 “Enti monhwɛ mo ho* yie, ɛfiri sɛ da a Yehowa firi gya mu ne mo kasaa wɔ Horeb no, moanhu obiara. 16 Monhwɛ na moanyɛ asobrakyeɛ ankɔyɛ honi a wɔasene anaa adeɛ biara nsɛsoɔ. Monnyɛ ɔbarima anaa ɔbaa biara nsɛsoɔ,+ 17 asaase so aboa anaa anomaa a ɔnam wiem biara nsɛsoɔ,+ 18 adeɛ biara a ɛwea wɔ asaase so anaa apataa a ɔwɔ nsuo mu wɔ asaase ase biara nsɛsoɔ.+
-