15 “Na sɛ woanyɛ aso antie Yehowa wo Nyankopɔn asɛm anni n’ahyɛdeɛ ne ne mmara a mede rema wo nnɛ yi nyinaa so a, ɛnneɛ nnome yi nyinaa bɛba wo so na abunkam wo so:+
16 ɛfiri sɛ moabu Yehowa mo Nyankopɔn apam a ɔde ama mo no so, na moakɔsom anyame foforɔ akɔkoto wɔn.+ Na Yehowa abufuo bɛdɛre atia mo,+ na ɛrenni da bi na mo ase ahye koraa afiri asase pa a ɔde ama mo yi so.”+
7 Ɛfiri yɛn agyanom+ berɛ so na yɛn asodie adɔɔso abɛsi nnɛ da yi,+ na yɛn bɔne nti, wɔde yɛne yɛn ahemfo+ ne yɛn asɔfoɔ+ ahyɛ asase so ahemfo nsa, nkrantɛ,+ nkoasom,+ afom+ ne animguaseɛ+ mu te sɛ nnɛ da yi.